1 John 5

Sɛnea nhyehyɛe no bɛyɛ

1Obiara a ogye di sɛ Yesu yɛ Agyenkwa no yɛ Onyankopɔn ba. Na obiara a ɔdɔ Agya no dɔ ne Ba no nso. 2Eyi na ɛma yehu sɛ yɛdɔ Onyankopɔn mma: ɛyɛ ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn ne di a yedi ne mmara so. 3Ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn no, kyerɛ di a yɛdi ne mmara so. Na ne mmara no nso so di nyɛ den mma yɛn, 4efisɛ, Onyankopɔn ba biara tumi di wiase so. Saa kwan yi so na yɛnam di wiase so nkonim: yɛde yɛn gyidi.

5Hena na obetumi adi wiase so? Obi a ogye di sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no nko.

Yesu Kristo ho adansedi

6Yesu Kristo yɛ obi a ɔnam nsu ne mogya so bae. Ɛnyɛ nsu nko so na ɔnam bae na mmom nsu ne mogya. Na ɛyɛ Honhom no na edi ho adanse efisɛ, Honhom no ne nokware no. 7Adansefo baasa na wɔwɔ hɔ, 8Honhom no, nsu no ne mogya no. Saa adansefo yi adwene hyia. 9Yegye adanse a nnipa di no di; adanse a Onyankopɔn di no mu yɛ den yiye. Na saa adanse no na Onyankopɔn adi afa ne Ba no ho no. 10Enti obi a ogye Onyankopɔn Ba no di no wɔ saa adanse yi wɔ ne koma mu. Na obi a onnye Onyankopɔn nni no ama Onyankopɔn ayɛ ɔtorofo, efisɛ, wannye adanse a Onyankopɔn di faa ne Ba no ho no anni.

11Eyi ne adanse no: Onyankopɔn ama yɛn nkwa a enni awiei; na saa nkwa no wɔ ne Ba no mu. 12Obiara a ɔwɔ Ɔba no wɔ saa nkwa no na obiara a onni Ɔba no nni nkwa no.

Nkwa a enni awiei

13Merekyerɛw mo eyi sɛnea ɛbɛma moahu sɛ mowɔ nkwa a enni awiei, mo a mugye Onyankopɔn Ba no din di no. 14Yensuro wɔ Onyankopɔn anim, efisɛ, yenim sɛ biribiara a yebisa no no, otie yɛn wɔ ne pɛ mu. 15Bere biara a yebisa no no, otie yɛn. Yɛahu sɛ eyi yɛ nokware yi, yenim nso sɛ ɔma yɛn nea yebisa no biara.

16Sɛ obi hu sɛ ne nua ayɛ bɔne bi a ɛmfa no nkɔ owu mu a, ɔmmɔ Onyankopɔn a ɔbɛma no nkwa no mpae mma no. Eyi ka wɔn a wɔn bɔne mfa wɔn nkɔ owu mu no ho. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛde onipa kɔ owu mu na ɛno ho de, menka se mommɔ ho mpae nkyerɛ Onyankopɔn. 17Afideyɛ nyinaa yɛ bɔne, nanso bɔne bi wɔ hɔ a enkowie owu mu.

18Yenim sɛ Onyankopɔn ba biara nkɔ so nyɛ bɔne, efisɛ, Onyankopɔn Ba no hwɛ no, na ɔbonsam ntumi nyɛ no bɔne. 19Yenim sɛ, ɛwom sɛ wiase nyinaa hyɛ ɔbonsam tumi ase, nanso yɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. 20Yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba, na wama yɛn ntease ama yɛahu Onyankopɔn kann no. Yɛn abrabɔ wɔ Onyankopɔn kann no ne ne Ba Yesu Kristo no mu. Eyi ne Onyankopɔn kann no ne nkwa a enni awiei no.

21Me mma, montwe mo ho mfi abosom ho.

Copyright information for TwiNAK